Psalms 82

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

1Onyankopɔn yɛ ɔsoro agyinatufo panyin.
Anyame betwa hyia a, ɔno na obu atɛn se,
2“Munnyae atɛnkyewbu; mummmu amumɔyɛfo atɛnkyew.
3Mommɔ ahiafo ne akunafo yiyedi ho ban.
Mummmu mo ani nngu ahiafo ne wɔn a wonni aboafo so.
4Munnye wɔn mfi nnipa amumɔyɛfo tumi ase.
5Nim a munnim ne nkwasea a moyɛ!
Moadan nnebɔneyɛfo ama atɛntrenee ayera wɔ wiase!
6Mekae se, ‘Moyɛ anyame; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
7Nanso mubewuwu sɛ nnipa; mo nkwa nna to betwa sɛ ɔhene ba biara.”
8Bra,
O Onyankopɔn, na bedi wiase so; aman nyinaa yɛ wo dea.
Copyright information for TwiNAK